Psalms 140

Dawid dwom.


1 Awurade, gye me fi nnebɔneyɛfo nsam;
bɔ me ho ban fi basabasayɛfo nsam,

2 wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn koma mu
na wɔhwanyan ɔko mu da biara.

3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔwɔ de;
nhurutoa bɔre wɔ wɔn ano.


4 Awurade, yi me fi amumɔyɛfo nsam;
bɔ me ho ban fi basabasayɛfo a
wodwen sɛ wobetwintwan mʼanan mu no ho.

5 Ahantanfo asum me afiri;
wɔatrɛtrɛw wɔn asau ahama mu
wɔasunsum me mfiri wɔ me kwan so.


6 Awurade, meka kyerɛ wo se, “Wone me Nyankopɔn.”
Awurade, tie me mmɔborɔsu.

7 Otumfo Awurade, me gyefo hoɔdenfo,
wokata me ti so wɔ ɔko da,

8 nyɛ amumɔyɛfo abisade mma wɔn, Awurade;
mma wɔn nhyehyɛe nnyɛ yiye.


9 Wɔatwa me ho ahyia,
nanso, ma amumɔyɛsɛm a efi wɔn anom no nsɛe wɔn.

10 Ma nnyansramma ngu wɔn so;
ma wɔntow wɔn ngu ogya mu,
ngu dontori amoa mu a wɔrensɔre bio.

11 Mma dinsɛefo ase ntim asase no so;
ma amanehunu ntaataa kitikitiyɛfo.


12 Minim sɛ Awurade bu ahiafo atɛntrenee
na odi onnibi asɛm ma no.

13 Ampa ara, atreneefo bɛkamfo wo din
na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.
Copyright information for TwiAKNA